Philadelphia: Wolters Kluwer Health/Lippincott Williams & Wilkins. The Johns Hopkins manual of gynecology and obstetrics (4th ed.). "Fertility control: contraception, sterilization, and abortion". Awo anosiw ma nkɔso wɔ sikasɛm mu esiane sɛ wonni mma pii a wɔbɛhwɛ wɔn na mmea pii tumi de wɔn ho hyɛ nnwuma mu, na wɔde nneɛma di dwuma kwan pa so. Wɔ aman a wonni bi mu no, mmea akatua agyapade, wɔn mu duru, ne wɔn mma sukuukɔ ne wɔn akwanhosan nyinaa yɛ nea anya nkɔanim esiane awo anosiw a wɔyɛ nti. Denam awo ntam a wɔma emu twe no, awo anosiw betumi ama mmea awo ayɛ nea ɔhaw nnim na ɛma wɔn mma nso tena nkwa mu. Awo anosiw wɔ aman a wonni bi mu abrɛ nkwa a wɔhwere wɔ awo mu anaa awo akyi bɛyɛ ɔha mu nkyekyem aduanan(bɛyɛ nnipa mpem ahanu aduosɔn a anka wɔbɛhwere wɔn nkwa) na ebesiw ano ɔha mu nkyekyem aduosɔn sɛ wotumi de awo anosiw akwan no ma sɛnea ɛsɛ a. Mmea bɛyɛ ɔpepem ahanu aduonu abien a wɔmpɛ sɛ wɔfa afuru a wɔwɔ aman a wonni bi yɛ nea wɔmfa akwan a aba so nsiw awo ano. Wɔ mmea a wɔadu bra twa mu no, wɔhyɛ nyansa sɛ wɔbɛkɔ so asiw awo ano afe biako bere a wɔatwa bra no akyi. Wɔ mmea a wɔma nufusu fam no, progestin nkutoo akwan yɛ nea wɔpɛ sen atopae a wɔnom de siw awo ano. Awo anosiw akwan bi wɔ hɔ a wobetumi afi ase wɔ awo akyi pɛɛ, bere a afoforo de ebehia sɛ wɔtwentwɛn so kakra bɛyɛ bosome asia akyi. Bere a ɔbea awo akyi no, sɛ ɛnyɛ nufusu nkutoo na ɔde ma akokoaa no a, obetumi asan anyinsɛn wɔ nnawɔtwe anan kosi asia ntam. Ɛwom sɛ mmabun tumi de awo anosiw kwan biara adi dwuma de nanso nea ɛbɛyɛ adwuma akyɛ a obi betumi asan akɔ dedaw mu te sɛ nea wɔde hyɛ nipaduam, IUD, anaa ɔbea ase kawa yɛ nea edi dwuma yiye de te mperewanyinsɛn so. Nna ho nkyerɛkyerɛ a ɛkɔ akyiri ne awo anosiw ho nnuru a wɔde ma brɛ nyinsɛn a wɔmpɛ ase wɔ mmabun yi mu. Wɔ mmabun a wonnii mfe aduonu mu no, wɔn nyinsɛn nta mmfa nsunsuanso papa mma. Ebinom bu nna mu ayɔnkofa a wonnya sɛ ɔkwan a wɔde siw awo ano, nanso ɛno nkutoo ho nkyerɛkyerɛ betumi ama mperewa nyinsɛn akɔ soro bere a wɔkyerɛkyerɛ ɛno nkutoo a wɔmfa awo anosiw nnuru biara nnka ho no. Awo a wosiw ano wɔ nna akyi betumi asiw awo ano nnafua kakra wɔ nna akyi. Nna mu bammɔ, te sɛ nea wɔde barima anaa mmea kɔndɔm di dwuma nso betumi asiw nna mu yare ano. Ɛwom sɛ awo tumi a wɔsɛe tu mpɔn de nanso sɛ obi yɛ a, ɔrentumi nsan nkɔ dedaw mu bio wɔ akwan ahorow a aka mu no, obi betumi asan akɔ ne dedaw mu ntɛm ara. Akwan a entu mpɔn koraa bi ne aduru a ekum barima ho nsu ne awode a woyi fi ɔfoforo de mua barima no yɛ ansa na ne ho aba. Akwan a entu mpɔn pii bi ne awode mu nsu a wosiw ano te sɛ kɔndɔm, diaphragm ahorow ne sapɔw ahorow a wɔde siw awo ano ne abawo ho nkyerɛkyerɛ. Nea wɔyɛ wɔ eyi akyi yɛ akwan a wɔde nipaduam nnuru di dwuma a ebi ne topae a wɔnom, akwan, ɔbea ase kawa, ne mpaane. Īkwan a etu mpɔn a wɔfa so siw awo ano ne abawo tumi a wɔsɛe denam oprehyen wɔ mmarima mu ne awotwaa no fa bi a wɔkyekyere wɔ mmea mu, adwinnade a wɔde hyɛ awotwaa mu IUD, ne adwinnade a wɔde hyɛ nipaduam siw awo ano. Aman binom de anohyeto ma anaa wɔnnhyɛ awo anosiw ho nkuran esiane sɛ wɔte nka sɛ enye wɔ abrabɔ, ɔsom anaa amammui mu nti. Wɔde akwan a wɔfa so siw awo ano adi dwuma fi tete, nanso akwan a wɔfa so yɛ no kwan pa so bae wɔ afeha a ɛto so aduonu mu. Awo anosiw a wɔyɛ ho nhyehyɛe, wɔma ɛwɔ hɔ na wɔde di dwuma yɛ nea wɔfrɛ no abusua kɛse ho nhyehyɛe. | caption = Nnuru dodow bi a wɔde siw awo anoĪwo ano a wosiw, a wɔsan frɛ no contraception ne awo ho anohyeto, yɛ akwan anaa nnwinnade a wɔde siw nyinsɛn kwan.
0 Comments
Leave a Reply. |
AuthorWrite something about yourself. No need to be fancy, just an overview. ArchivesCategories |